Tuesday, January 17, 2023

Monsiesie Mo Ho Mma Adansedie

Nnawɔtwe Yi Mu Nkasaho: M'ANI NWU ASƐMPA NO HO
Akenkansɛm: 1 Petro 3:15-16

1 Petro 3:15 (Asante Twi)
15 Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,

Ɛyɛ ahomete sɛ yɛ bɛka sɛ "gyidie wɔ akoma mu" wɔ abrɛ a yɛntumi mmɔ abrabɔ a ɛfata yɛn gyidie no. Saa ara nti na Akristofoɔ beberee ntumi nnyɛ krado sɛ wɔbɛ bua nsɛmmisa a ɛfa wɔn gyidie wɔ Awurade Yesu Kristo mu no ho.

Sɛ ɛba sɛ yɛreyi nsɛmmisa fa yɛn gyidie ho a, ɛnyɛ sɛ yɛrema yɛn ho so anaasɛ ahantan ntira; na mmom ɛyɛ ɔkwan a yɛrefa so aka nea Yesu ayɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. Ɛyɛ aniwuo sɛ obi bɛfrɛ ne ho Kristoni nanso ɔntumi nyi ano wɔ abrɛ a yɛbɛbisa no sɛ "Okristoni ne hwan?"

M'adamfo pa, ɛberɛ aso sɛ yɛ bɛbɔ mmɔden agyina sɛdeɛ ɛfata wɔ abrɛ a yɛnfɛreɛ, na y'apaapaa nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.

Aso, woayɛ krado sɛ wobɛnam ɔdwoɔ so aka deɛ nti a wo gye Yesu Kristo die?
Sɛ ɛnte saa dea, ɛnneɛ etwa sɛ wohwɛ wo ho na wo bɔ abrabɔ a ɛfata wo gyidie no; na wo ayɛ krado ayi obiara a ɔbɛbisa wo anidaso wɔ Yesu Kristo mu no ho asɛm.
Woayɛ nhyira.

Yɛmmɔ Mpaeɛ:
Otumfoɔ Nyankopɔn, ayɛyie yɛ Wodea daa. Agya, yɛserɛ Wo sɛ kora yɛn wɔ Wo pɛ mu, na nam Wo Honhom Kronkron so kyerɛkyerɛ yɛn, na ama yɛayɛ krado sɛ yɛbɛdi yɛn gyidie wɔ Yesu Kristo mu no ho adanseɛ. Amen.


English