Wednesday, January 18, 2023

Gye Yesu To Mu Wɔ Badwa Mu

Nnawɔtwe Yi Mu Nkasaho: M'ANI NWU ASƐMPA NO HO

Akenkansɛm: Luka 12:8-9

Luka 12:8 (Asante Twi)
8 Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.

Nnipa pii wɔhɔ a wɔpo Yesu, esiane sɛ wɔ suro sɛ wɔbɛka wɔn gyidie ho asɛm. Ɛkwan bɛn so?
Ɛberɛ biara a yɛbɛyɛ adeɛ bi a yɛbɛsusu sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛdwene sɛ yɛyɛ Akristofoɔ no, yɛ po no.

Afei nso, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ sɛ wiase yi, na yɛgye amammerɛ a ɛne Kristosom bɔ abura to mu, na sɛ yɛanyinya amma nea ɛtene a, yɛ po yɛn anidaso wɔ Yesu Kristo mu no.
Saa nneɛma a ɛtete saa yi ma yɛyɛ komm wɔ yɛ ne Onyankopɔn ayɔnkofa ho, na nkakrankakra yɛyi yɛn ani firi Yesu so.

Ɛkwan foforɔ so nso, yɛgye Yesu to mu wɔ badwa mu wɔ abrɛ a yɛrebɔ abrabɔ kronkron a ɛtene, na ɛhyɛ Kristo animounyam. Sɛ yɛdɔ afoforɔ, na yɛ gyina ma tenetene, na yɛyɛ wɔn a wɔnni bie no mmoa, na yɛde nea yɛwɔ hyɛ Nyankopɔn animounyam sene sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn ho animounyam, na yɛpere sɛ yɛ ne afoforɔ bɛkyɛ yɛn gyidie a, yɛ gye Yesu Kristo to mu wɔ badwa mu.

Momma yɛn gye Yesu nto mu wɔ badwa mu, ɛmfa ho ne sɛ nea ɛneɛma mu teɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔno nso mpo yɛn wɔ Nyankopɔn abɔfoɔ anim. Alelluya!

Yɛmmɔ Mpaeɛ:
Yɛn Agya a Wowɔ soro, yɛyi Woayɛ. Awurade Nyankopɔn, yɛserɛ Wo sɛ ma yɛn anigyeɛ wɔ Wo mu no nnɔɔso, na boa yɛn na yɛagye Wo ba, Yesu Kristo ato mu wɔ badwa mu aberɛ nyinaa. Amen.