NNAWOTWE NNAWƆTWE TWERƐ KRONKRON MU ADESUA (WBL)
Ɛbenada, 24/01/2023
Nnawɔtwe Yi Mu Nkasaho: ADASAMA PO NYANKOPƆN HO NIMDEƐ
Akenkansɛm: Nnwom 19:1-6
--------------------------------------
Nnwom 19:1 (Asante Twi)
1 Ɔsoro ka Nyankopɔn animuonyam, na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma.
Ɛyɛ nwanwa sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn bɔɔ yɛ no ka n'animuonyam. Ɛnyɛ nwanwa sɛ ɛbi gyedi sɛ Nyankopɔn wɔ adeɛ biara a ɔbɔɔ yɛ mu. Nanso, ɛno nso mma hokwan sɛ wode adeɛ biara bɛsi hɔ sɛ woresom no sɛ Nyankopɔn.
Onyankopɔn nkoaa na ɛsɛsɛ yɛde animuonyam ma no; ɔno nkoaa na ɔsɛ fata sɛ yɛ som no. Awurade Nyankopɔn deɛ, ɔne onipa biara nkyɛ na animuonyam, na anka akɔyɛ sɛ adeɛ a woammɔ sɛ ne su.
Onua, ɛmma yɛn werɛ mfiri Nyankopɔn wɔ kwan biara so. Sɛ wo werɛ afiri a, hwɛ ɛwiemu ntrɛwmu; hwɛ ɛwiemu na woahunu Nyankopɔn animuonyam a wɔdan no adi wɔ adekyeɛ mu ne ade sáɛ mu.
Woayɛ nhyira.
Yɛmmɔ Mpaeɛ:
Awurade Nyankopɔn, ampa, ɔsoro ka Wo animuonyam; na ewiem kyerɛ Wo nsa ano ndwuma. Mma yɛn akoma ne yɛn ano nnyae Wo animuonyam ka, ao Awurade, yɛn bɔfo. Amen.
__________________
English Version:
https://christbornrjs.blogspot.com/2023/01/the-heavens-declare-glory-of-god.html
__________________