Nnawɔtwe Yi Mu Nkasaho: M'ANI NWU ASƐMPA NO HO
Akenkansɛm: Nnwom 96:2-4
Nnwom 96:2 (Asante Twi)
2 Monto dwom mma AWURADE, monhyira ne din, monka ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.
Awurade nkwagyeɛ yɛ nokorɛ na ɛbɛgyina hɔ. Biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi asi Awurade nkwagyeɛ ano kwan, ɛsiane sɛ Awurade Nyankopɔn yɛ nokwarefoɔ.
Mommma yɛrenyɛ komm bio, esiane nea yɛahuna nti.
Wɔ yɛn afie mu, wɔ yɛn adwuma mu, wɔ mmɔnten so, momma yɛnmɔ dawuro sɛ Awurade gye nkwa.
Yɛmmɔ dawuro sɛ saa nkwagyeɛ yi yɛ obiara dea. Na dodoɔ biara a wɔbɛtie yɛnne no, ma wɔmmra mɛsɔ Awurade nkwagyeɛ nhwɛ.
Asomdweɛ nka wo.
Yɛmmɔ Mpaeɛ:
Yɛn Agya a Wowɔ soro, yɛda Woase wɔ Wo nkwagyeɛ a Wode ama obiara. O Awurade, twe nnipa nyinaa bɛn Wo nkwagyeɛ no, wɔ Yesu Kristo din mu. Amen.